MONKƆ SO NWƐN!
Sɛn Paa Na Ɛsɛ Sɛ Kristoni Bɔ Ne Bra?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
Ɛnnɛ, wokɔ wiase baabiara a, wubehu nnipa bebree a wɔde anigye ka sɛ wɔyɛ Kristofo. Nanso, wohwɛ nea wɔde yɛ nkurɔfo a, wo sẽ bɛfem. Ebinom dwen wɔn nko ara ho, wɔnka nokware, na wɔn tirim yɛ den. Afoforo nso de, wɔtumi gyaw wɔn kunu anaa wɔn yere hɔ, na wɔne ɔbarima anaa ɔbea foforo kɔda. Nea wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo yi yɛ nti, ɛma nnipa binom bisa wɔn ho sɛ: ‘Sɛn paa na ɛsɛ sɛ Kristoni bɔ ne bra?’
Nea ɛkyerɛ paa sɛ obi yɛ Kristoni
Ɛnyɛ den koraa sɛ obi bɛka sɛ ɔyɛ Kristoni. Nanso obi ka saa a, na onwiei. Bible ka sɛ, Kristoni ne obi a osuasua Yesu Kristo. (Asomafo Nnwuma 11:26) Yesu ankasa kaa sɛ: “Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa.” (Yohane 8:31) Ɛwom, onipa biara nni hɔ a obetumi adi Yesu asɛm so pɛpɛɛpɛ. Nanso Kristoni de, ɛsɛ sɛ ɔde Yesu nkyerɛkyerɛ bɔ ne bra. Wei kyerɛ sɛ, Yesu nkyerɛkyerɛ na obegyina so asisi gyinae wɔ n’asetenam da biara da. Ma yɛnhwɛ nneɛma bi a ɛsɛ sɛ Kristoni yɛ.
Kristofo yi wɔn yam dɔ wɔn yɔnko nnipa
Nea Yesu kae: “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:34, 35.
Nea Yesu yɛe: Yesu yii ne yam dɔɔ obi biara. Wanhwɛ baabi a onipa bi fi, na wanhwɛ sɛ obi yɛ sikani anaa ohiani. Wɔn a na wɔyare no, ɔsaa wɔn yare, ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan dii, na owu de gyee nnipa bebree nkwa.—Mateo 14:14-21; 20:28.
Nea Kristofo yɛ: Kristofo yi wɔn yam dɔ nnipa. Wɔn tirim nyɛ den, wɔyɛ nnipa nyinaa yiye, na wɔde bɔne kyɛ. Wɔhu sɛ wɔn yɔnko nnipa akɔ ahokyere mu a, wɔboa wɔn, na wɔyi wɔn yam de nneɛma a wɔn ani gye ho gu nkyɛn kɔboa nkurɔfo.—1 Yohane 3:16.
Kristofo ka nokware
Nea Yesu kae: “Mene . . . nokware no.”—Yohane 14:6.
Nea Yesu yɛe: Yesu kaa nokware bere nyinaa, na odii nokware wɔ nea ɔyɛe biara mu. Wannaadaa nkurɔfo amma wɔanyɛ nea ɔno pɛ da! Saa ara nso na wanka nsɛm a ɛnyɛ nokware amfa ammiri nkurɔfo ani so. Ná obiara nim sɛ Yesu ka nokware; sɛ ɔka nokware na ɛbɛma nkurɔfo atan n’ani mpo a, na ɔka.—Mateo 22:16; 26:63-67.
Nea Kristofo yɛ: Kristofo ntwa atoro. Wɔtua wɔn tow, wɔnwia ade, na wɔkɔ adwuma a, wɔtene wɔn ho yɛ adwuma. (Romafo 13:5-7; Efesofo 4:28) Wɔmmɔ nkurɔfo apoo, na wɔnwia sɔhwɛ mu. Sɛ wɔrekɔpɛ adwuma a, wɔnkyerɛw wɔn ho nsɛm a ɛnyɛ nokware sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya adwuma no. Sɛ wɔrehyehyɛ nkrataa foforo biara nso a, wɔka nokware.—Hebrifo 13:18.
Kristofo yi wɔn yam boa nkurɔfo
Nea Yesu kae: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome. Efisɛ me kɔndua soa nyɛ den na m’adesoa yɛ hare.”—Mateo 11:28-30.
Nea Yesu yɛe: Ná obiara tumi kɔ Yesu nkyɛn, na na ɔnteatea nnipa. Ná ɔpɛ mmofra asɛm, ná ɔkyekye nkurɔfo a wɔn werɛ ahow werɛ, na na odi nnipa ni.—Marko 10:13-15; Luka 9:11.
Nea Kristofo yɛ: Kristofo ne wɔn yɔnko nnipa kasa yiye; wɔntutu nsɛm mma nkurɔfo, na wɔnkasa ntia wɔn. (Efesofo 4:29, 31, 32) Wɔdwen nnipa ho, na bere nyinaa wɔpɛ kwan bi a wɔbɛfa so aboa nkurɔfo.—Galatifo 6:10.
Kristofo nnyaw wɔn kunu anaa wɔn yere hɔ ne obi foforo nkɔda
Nea Yesu kae: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”—Marko 10:9.
Nea Yesu yɛe: Ɛwom, Yesu anware da, nanso otuu wɔn a wɔaware fo sɛ, mma obiara mmfi ne kunu anaa ne yere akyi ne obi foforo nnkɔda. (Mateo 19:9) Ɔbɔɔ wɔn a wɔaware no kɔkɔ sɛ, mma wɔnnyɛ biribiara a ɛbɛma wɔafi wɔn kunu anaa wɔn yere akyi ne obi foforo akɔda.—Mateo 5:28.
Nea Kristofo yɛ: Biribiara a ebetumi asɛe Kristoni bi aware no, ɔtwe ne ho fi ho. (Hebrifo 13:4) Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔaware nya ɔdɔ ma wɔn kunu anaa wɔn yere, na obiara bu ne yɔnko.—Efesofo 5:28, 33.