Photo by Stringer/Getty Images
MONKƆ SO NWƐN!
Ɔko a Ɛrekɔ So Wɔ Middle East—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
Wiase atɛm dinn. Nea ɛrekɔ so wɔ United States, Israel, ne Iran ntam no nti, ama nkurɔfo yam hyehye wɔn. Nea ɛrekɔ so no begye nsam ama aman foforo de wɔn ho agye mu anaa? Aban ahorow a ɛwɔ wiase no betumi asɔ akokoakoko ano, na wɔama asomdwoe aba wiase afebɔɔ anaa?
Nkurɔfo a wɔakenkan Bible nkɔmhyɛ no, ebia wɔbebisa wɔn ho sɛ, ɔko a ɛrekɔ so wɔ Middle East, anaa Israel ne aman a atwa wɔn ho ahyia ntam no, gyama ɛno na ɛde Armagedon kõ a Bible ka ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no bɛba anaa?
Dɛn na Bible ka fa ho?
Aban ahorow a ɛwɔ wiase betumi ama akokoakoko a ɛrekɔ so wɔ Middle East no agyae anaa?
Bible ka sɛ: “Mommfa mo ho nnto ɔdehye anaa onipa ba so, efisɛ ɔrentumi nnye obiara nkwa.”—Dwom 146:3.
Sɛ aban ahorow a ɛwɔ wiase betumi ama asomdwoe kakra aba Middle East hɔ oo, sɛ wɔrentumi oo, mmere na ɛbɛkyerɛ. Nanso, Bible ka no pefee sɛ, amanyɔni, nnipa aban, anaa nnipakuw biara nni hɔ a wɔbetumi ama akodi anaa akokoakoko agyae, na wɔama asomdwoe aba wiase afebɔɔ. Onyankopɔn nko ara na obetumi ‘ama akodi agyae wɔ asaase nyinaa so.’—Dwom 46:9.
Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, kenkan Ɔwɛn-Aban a yɛato din, “Wiase a Ɔko Nnim—Ɛbɛyɛ Yiye?”
Ɔko a ɛrekɔ so wɔ Middle East no, ɛyɛ nkɔmhyɛ na ɛreba mu anaa?
Bible ka sɛ: “Mobɛte ɔko, ne ɔko ho nsɛm. . . . Ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni asɔre atia ahenni.”—Mateo 24:6, 7.
Ɔko a ɛrekɔ so wɔ Middle East seesei no, ɛma yehu sɛ “wiase yi awiei bere no” adu. Ɛsan yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ, yɛte “awiei mmere no” mu ampa. (Mateo 24:3; 2 Timoteo 3:1) Akokoakoko a ɛrekɔ so nnansa yi no, ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ, Onyankopɔn bɛma akodi agyae koraa, na nneɛma a ɛreteetee nnipa nnɛ no, obeyi ne nyinaa afi hɔ.
Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din, “Nneɛma Bɛn Na Esisi a Ɛbɛkyerɛ Sɛ Yɛwɔ “Awiei Mmere” Anaa “Nna a Edi Akyiri” No Mu?”
Armagedon bɛhyɛ ase wɔ Middle East anaa?
Bible ka sɛ: “Wɔboaboaa ahemfo no ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri mu sɛ Armagedon.”—Adiyisɛm 16:16.
Armagedon kõ no, ɛnyɛ ɔko a ɛbɛkɔ so wɔ nnipa aban ntam, na saa ara nso na ɛnyɛ ɔko bi a ɛbɛhyɛ ase wɔ Middle East. Mmom, Armagedon yɛ ɔko a ɛbɛkɔ so wɔ nnipa aban nyinaa ne Onyankopɔn ntam.
Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din, “Dɛn Ne Armagedon Ko No?”
Sɛ nneɛma a ɛyɛ hu sisi a, ɛdɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛn koma antu?
Bible ka sɛ: “Mommma dadwen nnhyɛ mo so wɔ biribiara mu. Mmom ade nyinaa mu no, momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ne aseda nkɔ Onyankopɔn anim mfa mo adesrɛ nto n’anim.”—Filipifo 4:6.
Yehowaa Nyankopɔn pɛ sɛ yɛbɔ no mpae. Onyankopɔn dwen yɛn ho, enti sɛ yɛrefa ɔhaw mu na yɛbɔ no mpae a, otie, na ɔboa yɛn ma yetumi gyina ano. (1 Petro 5:7) Ɔkwan baako a wayɛ saa ne sɛ, waboa yɛn ama yɛahu nea enti a akokoakoko rekɔ so, wakyerɛ yɛn nea ɛbɛyɛ a akokoakoko begyae korakora, ɛnna wasan akyerɛ yɛn sɛnea obeyi ɛyaw ne amanehunu a yɛrefa mu nyinaa afi hɔ.—Adiyisɛm 21:3, 4.
Sɛnea Onyankopɔn boa yɛn no, sɛ wopɛ sɛ wuhu ɛho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din, “Awerɛkyekyesɛm Bi Wɔ Bible Mu a Ebetumi Aboa Me Anaa?”
a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.