Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 60
  • Owu Ho Suro—Wobɛyɛ Dɛn Adi So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Owu Ho Suro—Wobɛyɛ Dɛn Adi So?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • “Nokware no Bɛma Moade Mo Ho”​—Ɔkwan Bɛn So?
    Nyan!—2012
  • Nya Koma A Esuro Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yesuro Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Sua a Yebesua sɛ Yebenya Yehowa Suro mu Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 60

Owu Ho Suro—Wobɛyɛ Dɛn Adi So?

Nea Bible ka

Owu yɛ yɛn tamfo. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ yesuro owu, na yɛyɛ nea yebetumi biara de bɔ yɛn nkwa ho ban. (1 Korintofo 15:26) Nanso, owu ho suro a ntease nnim a egyina atosɛm anaa gyidihunu so de, ɛma nnipa ‘yɛ nkoa wɔn nkwa nna nyinaa.’ (Hebrifo 2:15) Ebinom wɔ hɔ a, sɛ wɔte owu ho asɛm a, na wɔn ho repopo. Owu ho hu nti, anigye a ɛde anigye de, wɔnni bi wɔ wɔn asetena mu. Sɛ wuhu nokware no, kyerɛ sɛ, sɛ wuhu nokwaresom a, owu ho nsɛm remma wo ho mpopo bio.—Yohane 8:32.

Owu ho nsɛm a ɛyɛ nokware

  • Obi wu a, onnim biribiara bio, na nea ɛrekɔ so biara nso, ɔnte. (Dwom 146:4) Ɛnsɛ sɛ wusuro sɛ sɛ wuwu a, wubehu amane anaa wɔbɛyɛ wo ayayade. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Bible ka sɛ, obi wu a, ɛte sɛ nea wada.—Dwom 13:3; Yohane 11:11-14.

  • Nkurɔfo a wɔawuwu no, wɔrentumi nyɛ biribiara mfa mpira yɛn. Nnipa a na wɔyɛ atamfo a obiara mpɛ ne yɔnko anim ahwɛ mpo, sɛ wɔwu a, ‘wɔntumi nyɛ hwee.’ (Mmebusɛm 21:16) Bible ka sɛ, “wɔn tan oo, wɔn ahoɔyaw oo, ayera dedaw.”—Ɔsɛnkafo 9:6.

  • Sɛ yewu a, ɛnkyerɛ sɛ yɛn anidaso nyinaa asa. Onyankopɔn se, nnipa a wɔawuwu no, obenyan wɔn, na ɔde wɔn asan aba nkwa mu.—Yohane 5:28, 29; Asomafo Nnwuma 24:15.

  • Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, bere bi bɛba a “owu nni hɔ bio,” kyerɛ sɛ, onipa biara renwu bio. (Adiyisɛm 21:4) Bible ka saa bere no ho asɛm sɛ: “Atreneefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wɔbɛtena so daa.” Saa bere no, obiara rensuro bio sɛ obewu.—Dwom 37:29.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena