Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwyp asɛm 75
  • Sɛ M’adamfo Yɛ Ade Ma Ɛyɛ Me Yaw Ɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ M’adamfo Yɛ Ade Ma Ɛyɛ Me Yaw Ɛ?
  • Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea ɛsɛ sɛ wuhu
  • Nea wubetumi ayɛ
  • Dɛn Nti na M’adamfo no Maa Midii Yaw Saa?
    Nyan!—2000
  • Monnto “Nkumaa Yi” Hintidua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Dɛn Nti na Mintumi ne Me Nnamfo Mmɔ Nkyɛ?
    Nyan!—1996
  • Dɛn na Ɛma Obi Yɛ Adamfo Pa?
    Nyan!—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmabun Bisa Sɛ
ijwyp asɛm 75
Ababaa bi reka nsɛm a ɛyɛ yaw akyerɛ nea ogyina n’anim no

MMABUN BISA SƐ

Sɛ M’adamfo Yɛ Ade Ma Ɛyɛ Me Yaw Ɛ?

  • Nea ɛsɛ sɛ wuhu

  • Nea wubetumi ayɛ

  • Nea w’atipɛnfo ka

Nea ɛsɛ sɛ wuhu

  • Ayɔnkofa biara nni hɔ a ɔhaw nnim. Esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, obi a wopɛ n’asɛm anaa wo yɔnko berɛbo mpo betumi ayɛ biribi anaa waka asɛm bi ama ahaw wo. Nokwasɛm ne sɛ, wo nso, bɔne wɔ wo ho. Sɛ wokaakae wo tirim a, wunhu sɛ bere bi wo nso woyɛɛ ade ma ɛhaw obi?​—Yakobo 3:2.

  • Intanɛt betumi ama ayɛ mmerɛw sɛ wubedi yaw. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, aberantewaa bi a ne din de David ka sɛ: “Sɛ wowɔ intanɛt so na wuhu sɛ w’adamfo kɔɔ apontow bi na mfoni a otwae no, ɔde ato hɔ a, ebia wubebisa sɛ, ɛbaa no sɛn na wamfrɛ me? Afei wo werɛ betumi ahow na woate nka sɛ wayi wo baako ahyɛ wo nsa.”

  • Wubetumi asua sɛnea wubesiesie ɔhaw no.

Nea wubetumi ayɛ

Hwehwɛ wo ho mu. Bible ka sɛ: “Mpere wo ho mfa abufuw, efisɛ nkwasea kokom na abufuw te.”​—Ɔsɛnkafo 7:9

“Ɛtɔ da a, enkowie ase no, wobɛhwɛ na nea ɛma wo bo fuwii no nyɛ asɛm biara.”​—Alyssa.

Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Ɛyɛ a woma asɛm taa haw wo dodo anaa? Sɛ obi fom wo a, adɛn nti na wunsua sɛ wubenya ne ho abotare?​—Ɔsɛnkafo 7:​21, 22.

Wode bɔne kyɛ a, dwinnwen mfaso a wubenya no ho. Bible ka sɛ: ‘Ɛyɛ anuonyam sɛ wubebu w’ani agu bɔne so.’​—Mmebusɛm 19:11.

“Sɛ wowɔ asɛm tia obi a, eye sɛ wode befiri no korakora. Ɛno kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ wosan kɔfa ho asɛm ba na wohwɛ kwan sɛ bere biara a wobɛbɔ so no, ɛsɛ sɛ ɔpa wo kyɛw. Sɛ wunya de kyɛ a, ma asɛm mfa n’asɛm nkɔ; nkɔtwe mma bio.”​—Mallory.

Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Wohwɛ a, nea asi no, ɛho hia pa ara sɛ moka ho asɛm? Adɛn nti na womfa nkyɛ no mma asomdwoe mma?​—Kolosefo 3:​13.

Ababaa bi abue pon no ama awɔw reba dan no mu

Asɛm biara a ebesi wɔ mo adamfofa no mu no, sɛ wotaa kɔfa ba a, ɛte sɛ ɔdan bi a ɔhyew wom nanso ɛreyɛ ara ni na woabue pon no ama awɔw abam

Susuw w’adamfo no nso ho. Bible ka sɛ: “Monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.”​— Filipifo 2:4.

“Sɛ ɔdɔ ne obu wɔ ayɔnkofa bi mu a, ɛkanyan wo ma wusiesie ɔhaw ahorow ntɛm efisɛ woabrɛ saa ayɔnkofa no ho. Wode w’ahoɔden ayɛ ho adwuma, enti wompɛ sɛ ɛsɛe.”​—Nicole.

Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Nea w’adamfo no reka no, ɛyɛ ampa sɛ aba biara nnim?​—Filipifo 2:3.

Nea yɛreka akosi: Sɛ obi yɛ wo ade ma ɛyɛ wo yaw na wuhu sɛnea wubedi ho dwuma a, ɛbɛboa wo pa ara bere a woanyin no. Adɛn nti na saa bere yi ara, wunsua sɛnea wobɛyɛ no?

Nea w’atipɛnfo ka

Kiana

“Ɛnyɛ asɛm biara na ɛsɛ sɛ yesi ho nkongua siesie. Sɛ metumi asiesie no wɔ m’adwene mu na matwa so a, meyɛ no saa. Ɛno ma asomdwoe kɔ so wɔ yɛn ntam sen sɛ asɛm ketewaa bi, wobɛhwɛ na makɔfa aba sɛ yensiesie.”​—Kiana.

Treigh

“Asɛm biara a ebesi no, mibisa me ho sɛ, ‘Asɛm no sõ araa ma enti sɛ me ne m’adamfo no twa yɛn ayɔnkofa mu a, ɛnyɛ hwee anaa?’ Mpɛn pii no, mɛhwɛ no na asɛm no ho nhia saa.”​—Treigh.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena