Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwhf asɛm 1
  • Sɛnea Wobɛhyɛ W’abufuw So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wobɛhyɛ W’abufuw So
  • Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea ɛsɛ sɛ wuhu
  • Nea wubetumi ayɛ
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Abufuw Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Bere Nyinaa na Ɛyɛ Mfomso sɛ Obi Bo Befuw Anaa?
    Nyan!—1994
  • Abufuw​—Ɛyɛ Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Mɛyɛ Dɛn Adi Me Bo A Efuw No So?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
ijwhf asɛm 1
Ɔyere bi rehohoro nneɛma mu, na ne bo afuw sɛ ne kunu agyaw adwuma no agu no so rehwɛ TV

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO

Sɛnea Wobɛhyɛ W’abufuw So

Hwɛ sɛ wo hokafo aka asɛm bi anaa wayɛ biribi ama wo bo afuw; wompɛ sɛ ohu sɛ wo bo afuw. Nanso wo hokafo no hu sɛ biribi nkɔ yiye, enti obisa wo nea ɛrekɔ so. Ɛno koraa na ɛbere wo kuru no. Biribi saa si a, wobɛyɛ dɛn ahyɛ w’abufuw so na woanyɛ ade antra so?

  • Nea ɛsɛ sɛ wuhu

  • Nea wubetumi ayɛ

Nea ɛsɛ sɛ wuhu

  • Sɛ wo bo taa fuw a, ebetumi ama woayare. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, sɛ wo bo fuw na woanhyɛ wo ho so a, etumi ma wunya mogya mmoroso, komayare ne adwenemhaw. Afei sɛ wodidi mpo a, aduan no ntumi nyam yiye. Abufuw nso tumi de kɔdaanna, adwinnwen, honam ani nyarewa ne nipadua a edwudwo (stroke) ba. Edi sɛ Bible ka sɛ: “Ma abufuw ntwa . . . , na woanyɛ bɔne.”—Dwom 37:8.

  • Sɛ woka w’abufuw hyɛ nso a, ebetumi asɛe wo suban. Wo bo fuw, na woma abufuw no kyɛ a, ebetumi ayɛ te sɛ yare bi a ahintaw wɔ wo nipadua mu a ɛredi wo nya. Sɛ nhwɛso no, su a ɛte saa betumi ama woanya afoforo ho adwemmɔne. Saa su no nso betumi ama ayɛ den sɛ afoforo ne wo bɛtena, na ebetumi asɛe w’aware mpo.

Nea wubetumi ayɛ

  • Hwehwɛ su pa a ɛwɔ wo hokafo ho. Kyerɛw nneɛma mmiɛnsa a w’ani gye ho wɔ wo hokafo ho. Bere foforo a ne nneyɛe bi bɛma wo bo afuw no, dwinnwen nneɛma a wokyerɛwee no ho. Wei betumi aboa wo ma woahyɛ w’abufuw so.

    Bible mu afotusɛm: “Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ.”—Kolosefo 3:15.

    Ɔyere bi reyɛ ade wɔ gyaade. Ɔresusuw sɛnea ne kunu boa no wɔ fie nnwuma mu, otie no, na ɔhwɛ no bere a ɔyare no.
  • Fa bɔne kyɛ. Nea edi kan, bɔ mmɔden sɛ wubehu nneɛma sɛnea wo hokafo hu no no. Eyi bɛma woanya ayamhyehye. (1 Petro 3:8) Afei bisa wo ho sɛ, ‘Nea ama me bo afuw no yɛ asɛm kɛse pa ara a mede kyɛ a ɛrenyɛ yiye anaa?’

    Bible mu afotusɛm: ‘Ɛyɛ fɛ sɛ wubebu w’ani agu bɔne so.’—Mmebusɛm 19:11.

  • Sɛnea wote nka no, fa obu ka ho asɛm na da anifere adi. Wo ne wo hokafo rekasa a, ɛyɛ a ma onhu sɛnea wote nka wɔ nneɛma ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ́ anka wobɛka sɛ, “Wunnwen me ho; womfrɛ me nkyerɛ baabi a wowɔ” no, ka sɛ, “Sɛ bere kɔ na minhu baabi a wowɔ a, ɛma meyɛ basaa.” Sɛ woda sɛnea wote nka adi wɔ odwo kwan so a, ebetumi aboa wo ama woahyɛ wo ho so.

    Bible mu afotusɛm: “Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa na nkyene mmra mu.”—Kolosefo 4:6.

  • Tie asɛm yiye. Wokasa wie a, ma wo hokafo nso nkyerɛ n’adwene. Sɛ ɔrekasa a, ntwa n’ano. Ɔkasa wie a, nea ɔkae no, ka no wɔ ɔkwan foforo so hwɛ sɛ wotee ase yiye anaa. Sɛ woyɛ otiefo pa a, ebetumi aboa wo pa ara ma woahyɛ w’abufuw so.

    Bible mu afotusɛm: ‘Yɛ ntɛm tie asɛm, yɛ nyaa kasa.’—Yakobo 1:19.

Tim ne Jennifer

“Wode asɛm hyɛ wo mu a, ɛremma ɔhaw no mfi hɔ; ɔhaw no bɛteetee wo saa ara kosi sɛ wobɛte nka sɛ afei de amee wo. Eye sɛ mobɛbom asusuw asɛm no ho obu so. Sɛ me ne me kunu bom susuw asɛm bi ho wie a, nea yɛtaa ka ne sɛ, ‘Ɛnyɛ wei na ɛbɛtetew yɛn ntam.’”—Jennifer ne ne kunu Tim.

Jade ne Corey

“Ade a m’ani sɔ pa ara wɔ me kunu ho ne sɛ, bere nyinaa ɔyɛ aso tie me na ɔkyerɛ sɛ ɔte m’ase. Sɛ ɔne me nyɛ adwene mpo a, otie m’adwenkyerɛ. Ɔmma mente nka sɛ ntease nni nea mereka no mu.”—Jade ne ne kunu Corey.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena