Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwhf asɛm 4
  • Sɛnea Wobɛka Nsã Ho Asɛm Akyerɛ Wo Mma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wobɛka Nsã Ho Asɛm Akyerɛ Wo Mma
  • Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea ɛsɛ sɛ wuhu
  • Nea wubetumi ayɛ
  • Nsa Ne Wo
    Nyan!—1986
  • Hwɛ Wo Asanom Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nea Onyankopɔn Ka Fa Nsã Ho No, Ma Ɛntena W’adwenem
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Hwɛ W’asanom Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
ijwhf asɛm 4
Abaayewa kumaa bi rehwɛ sɛnea n’awofo renom nsã

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO

Sɛnea Wobɛka Nsã Ho Asɛm Akyerɛ Wo Mma

“Bere a edi kan a yɛne yɛn babea kaa nsã ho asɛm no, na wadi mfe nsia. Bere a yehui sɛ sɛɛ na ɔwɔ ho nimdeɛ pii sen sɛnea na yesusuw no, ɛyɛɛ yɛn nwonwa.”​—Alexander.

  • Nea ɛsɛ sɛ wuhu

  • Nea wubetumi ayɛ

  • Nea Bible ka fa nsã ho

Nea ɛsɛ sɛ wuhu

Ɛho hia pa ara sɛ wo ne wo mma ka nsã ho asɛm. Ntwɛn mma wo ba no nnu ne mpanyin mfe so ansa. Ɔbarima bi ɔwɔ Russia a ne din de Khamit ka sɛ, “Me yam a anka yɛne yɛn babarima no kaa nsã ho asɛm wɔ ne mmofraase. M’ani baa me ho so no, na aka akyi dodo. Sɛɛ me ba no fii ase nom nsã no, na wadi mfe 13.”

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wofa no ahiasɛm?

  • Mfɛfo sukuufo, nsɛm ho dawurubɔfo ne TV betumi ama wo ba anya nsã ho adwene a ɛmfata.

  • U.S. Asoɛe Ahorow a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano no bɔ amanneɛ sɛ, nsã a nkurɔfo nom wɔ United States nyinaa no, emu ɔha mu nkyem 11 de, mmofra na ɛnom.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ apɔwmuden ho animdefo kamfo kyerɛ awofo sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma ma wohu ɔhaw a asanom de ba fi wɔn mmofraase pɛɛ. Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa?

Nea wubetumi ayɛ

Susuw nsɛm a wo mma bebisa wo no ho. Mmofra nkumaa pɛ mfeefeemu. Wɔn a wɔn ani afi kakra no mpo de, yɛnka. Enti ɛho hia sɛ wusiesie wo ho yiye na woatumi de mmuae a ɛfata ama wɔn. Sɛ nhwɛso no:

  • Sɛ wo ba pɛ sɛ ohu sɛnea nsã dɛ te a, wubetumi aka sɛ bobesa te sɛ nnuaba mu nsu a emu kaw. Bia de, ebetumi ayɛ nwen pa ara.

  • Sɛ wo ba pɛ sɛ ɔka nsã hwɛ a, wubetumi aka sɛ nsã nye mma mmofra. Ma onhu sɛ: Nsã tumi ma obi koma tɔ ne yam, nanso sɛ ɔnom no pii a, ebetumi ama n’ani so akyin no, wayɛ nea ɛmfata anaa waka nsɛm bi a akyiri yi obenu ne ho.​—Mmebusɛm 23:29-35.

Sua ho ade. Bible ka sɛ: “Onitefo yɛ n’ade nimdeɛ mu.” (Mmebusɛm 13:16) Bɔ mmɔden sɛ wubehu ɔhaw a asanom de ba ne mmara a wɔahyehyɛ afa asanom ho wɔ ɔman no mu. Wutumi hu weinom a, ɛbɛboa wo ama woaboa wo ba no.

Ntwɛn mma wo ba no mmebisa wo ansa. Agya bi a ɔwɔ Britain a ne din de Mark ka sɛ, “Sɛ wo ne wo mma nkumaa reka asanom ho asɛm a, wɔn adwene betumi atu afra. Mibisaa me babarima a wadi mfe nwɔtwe sɛ, ɔhwɛ a ɛyɛ papa sɛ yɛnom nsã anaa ɛnyɛ papa? Esiane sɛ mankyere no antena ase sɛ merebisabisa no nsɛm nti, ofii ne koma mu kasae a wamfa biribiara ansie me.”

Sɛ wotaa ne wo ba ka nsã ho asɛm a, ɛbɛboa no pa ara. Hwɛ mfe a wo ba no adi ho na wo ne no nsusuw ɔhaw a asanom betumi akɔfa aba ho. Ma onhu sɛ, sɛ ɔreka kar na ɔnom nsã a, obetumi anya akwanhyia na asanom nso betumi ama ɔde ne ho akɔhyɛ aguamammɔ mu.

Yɛ nhwɛso pa. Mmofra te sɛ foam a etumi nonom nsu. Mmofra taa suasua nkurɔfo a atwa wɔn ho ahyia. Nhwehwɛmu ma yehu sɛ awofo pa ara na mmofra taa suasua wɔn. Wei kyerɛ sɛ, sɛ wonom nsã de tew wo brɛ so anaa wode dwudwo wo ho a, wo ba no nso besusuw sɛ, sɛ adwinnwen hyɛ obi so a, ɛsɛ sɛ ɔnom nsã. Enti yɛ nhwɛso pa ma wo ba no. Bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ yiye wɔ asanom ho.

Obi a ɔtɔn nsã pɛ sɛ ɔde bi ka ho ma maame no, nanso ose eye. Ne ba kumaa bi rehwɛ nea ɛrekɔ so no

Wo mma besua sɛnea woyɛ w’ade wɔ nsã ho

Nea Bible ka fa nsã ho

“[Yehowa] de nsã ma ɔdesani ma ne koma ani gye.” (Dwom 104:14, 15) Nsã nyɛ bɔne; ɛyɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ.

“Nsã yɛ ɔfɛwdifo, mmosã yɛ otutupɛfo; obiara a ɛde no yɛ akoa no nnim nyansa.” (Mmebusɛm 20:1) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ nsã ho.

“Asabofo . . . rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 6:10) Onyankopɔn nkasa ntia asanom, mmom asabow na ɔkasa tia.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena