Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwfq asɛm 60
  • Yehowa Adansefo De Wɔn Gyidi Hyɛ Wɔn Mma So Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Adansefo De Wɔn Gyidi Hyɛ Wɔn Mma So Anaa?
  • Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Adansefo bɔ nkwadaa asu anaa?
  • Sɛ Yehowa Danseni ba ammɔ asu a, ɔpo akwadaa no anaa?
  • Sɛ Yehowa Adansefo rekɔ asɛnka a, adɛn nti na wɔde wɔn mma kɔ bi?
  • Yehowa Adansefo di nnapɔnna ne afahyɛ anaa?
  • Afahyɛ Ahorow Nyinaa Na Ɛsɔ Onyankopɔn Ani Anaa?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Som Onyankopɔn Yiye
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nni Nnapɔnna Anaa Afahyɛ Ahorow Bi?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • “Yɛnhwere Hwee!”
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
ijwfq asɛm 60
Abaayewa bi maame ne ne papa rekyerɛkyerɛ no Bible; abaayewa no reserew.

Yehowa Adansefo De Wɔn Gyidi Hyɛ Wɔn Mma So Anaa?

Daabi, efisɛ Onyankopɔn som deɛ, obi nhyɛ obi. (Romafo 14:12) Yehowa Adansefo de Bible mu nsɛm kyerɛkyerɛ wɔn mma, nanso sɛ nkwadaa no nyin a, wɔn ara na wɔbɛkyerɛ sɛ wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo anaa wɔrenyɛ bi.—Romafo 12:2; Galatifo 6:5.

Sɛnea awofo dodow no ara pɛ sɛ esi wɔn mma yiye no, saa ara na Yehowa Adansefo nso pɛ sɛ esi wɔn mma yiye. Nea Yehowa Adansefo nim sɛ ɛbɛboa wɔn mma no, ɛno na wɔkyerɛ wɔn. Ebi ne nnwuma a mfaso wɔ so, abrabɔ pa ho mmara, ne wɔn gyidi. Yehowa Adansefo gye di sɛ Bible ma yɛn abrabɔ si yɛn yiye, enti wɔbɔ wɔn ho mmɔden de Bible nkyerɛkyerɛ dua wɔn mma mu. Ɛno nti wɔne wɔn mma sua Bible, na wɔne wɔn nyinaa kɔ Kristofo nhyiam. (Deuteronomium 6:6, 7) Sɛ wɔn mma no nyin a, obiara bɛhwɛ nea wasua no ho na wasi ne gyinae sɛ ɔbɛkɔ ne maame ne papa som no bi anaasɛ ɔrenkɔ bi.

  • Yehowa Adansefo bɔ nkwadaa asu anaa?

  • Sɛ Yehowa Danseni ba ammɔ asu a, ɔpo akwadaa no anaa?

  • Sɛ Yehowa Adansefo rekɔ asɛnka a, adɛn nti na wɔde wɔn mma kɔ bi?

  • Yehowa Adansefo di nnapɔnna ne afahyɛ anaa?

  • Nkwadaa a yɛde Yehowa Adansefo som atete wɔn no, wɔte nka sɛn?

Yehowa Adansefo bɔ nkwadaa asu anaa?

Daabi. Nkwadaa a yɛbɔ wɔn asu deɛ, Bible mma kwan. Wo deɛ hwɛ, Bible kyerɛ sɛ, ansa na wɔrebɔ tete Kristofo no asu no, wɔtee asɛmpa no, “wɔde anigye gyee,” na wɔsakrae. (Asomafo Nnwuma 2:14, 22, 38, 41) Enti sɛ obi betumi abɔ asu a, ɛsɛ sɛ onyin du baabi a obetumi ate Bible nkyerɛkyerɛ ase, ɛsɛ sɛ ogye di, na otumi si gyinae sɛ ɔde saa nkyerɛkyerɛ no bɛbɔ ne bra. Saa nneɛma yi, nkwadaa ntumi nyɛ.

Sɛ nkwadaa renyin a, edu baabi a wɔn ara na wɔbɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu. Nanso ade a ɔpɛ sɛ ɔyɛ no, ɛsɛ sɛ ohu n’asɛde a ɛwɔ ho.

Sɛ Yehowa Danseni ba ammɔ asu a, ɔpo akwadaa no anaa?

Daabi. Sɛ Yehowa Danseni ba ammɛyɛ Yehowa Danseni a, ɛma awofo no di awerɛhow, nanso wɔkɔ so dɔ wɔn ba no. Wɔnka sɛ wammɛyɛ Yehowa Danseni nti wɔapo no.

Wɔrebɔ abaamuaa bi asu; wɔde no wuraa nsu no ase.

Mfe a obiara adi biara no, ɔno ara na ɛsɛ sɛ osi ne gyinae sɛ ɔbɛbɔ asu anaa ɔremmɔ asu

Sɛ Yehowa Adansefo rekɔ asɛnka a, adɛn nti na wɔde wɔn mma kɔ bi?

Nneɛma bebree nti na sɛ yɛrekɔ asɛnka a yɛde yɛn mma ka yɛn ho.a

  • Bible tu awofo fo sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma Onyankopɔn asɛm, na wɔntete wɔn mma wɔnsom Nyankopɔn. (Efesofo 6:4) Yɛka ɔsom a, nea ɛkyerɛ no bi ne sɛ obi bɛka ne gyidi ho asɛm wɔ baguam. Ɛno nti, Onyankopɔn asɛm a yɛde kyerɛkyerɛ nkwadaa no, asɛnka a yɛde wɔn kɔ no nso ka ho paa.—Romafo 10:9, 10; Hebrifo 13:15.

  • Bible ahyɛ da aka akyerɛ nkwadaa sɛ “wonyi Awurade din ayɛ.” (Dwom 148:12, 13, King James Version) Ade titiriw baako a wubetumi ayɛ de ayi Nyankopɔn ayɛ ne sɛ wobɛka ne ho asɛm akyerɛ afoforo.b

  • Sɛ nkwadaa ne wɔn awofo bom kɔ asɛnka a, ɛboa wɔn akwan pii so. Ebi ne sɛ, ɛma wonya suban pa te sɛ ayamhyehye, ayamye ne obu, na wodwen afoforo ho. Wei nti ɛma wohu sɛnea wɔne obiara bɛkasa. Afei nso, asɛnka boa nkwadaa ma wɔte ase paa sɛ nea wogye di no, egyina Bible so.

Yehowa Adansefo di nnapɔnna ne afahyɛ anaa?

Yehowa Adansefo nni nyamesom mu nnapɔnna anaa afahyɛ a Onyankopɔn ani nnye ho.c (2 Korintofo 6:14-17; Efesofo 5:10) Awoda ne Buronya sei, emfi Kristosom mu, enti yenni.

Mmom yetumi ne yɛn abusuafo gye yɛn ani na yeyi yɛn yam kyɛ yɛn mma adeɛ. Ɛnyɛ sɛ afe so a na yɛne yɛn abusuafo bom gye yɛn ani na yɛkyɛ adeɛ. Mmom yetumi ne nkurɔfo bom gye yɛn ani, na yetumi kyɛ adeɛ bere biara.

Papa bi ne ne yere atɔ adeɛ akyekyere ho fɛfɛɛfɛ abɛkyɛ wɔn ba barima ne wɔn babea. Ná nkwadaa no ani nna, enti ayɛ wɔn nwonwa paa.

Kristofo a wɔyɛ awofo yi wɔn yam kyɛ wɔn mma adeɛ

Nkwadaa a yɛde Yehowa Adansefo som atete wɔn no, wɔte nka sɛn?

  • “Asɛnka ama mahu sɛ, sɛnea obi gyidi te ne sɛnea ɔbɛyɛ me biara, ɛsɛ sɛ mibu no. Afei nso, sɛ yɛkɔka asɛm no kyerɛ nkurɔfo a, ɛyɛ a wotumi ka wɔn haw ne wɔn dadwene kyerɛ yɛn. Ɛno nti ɛnyɛ me nko ara me ho na midwen. Mmom masua sɛ medwen nkurɔfo ho na mede m’ani ato fam ahu nea nkurɔfo hia.”—Tara.d

  • “M’awofo anhyɛ me sɛ menyɛ Yehowa Danseni. Da biara na wɔka kyerɛ me sɛ, me ara na ɛsɛ sɛ mekyerɛ nea mepɛ. Bere biara a mebisa me maame biribi afa Yehowa Adansefo gyidi ho no, ɛyɛ a obisa me sɛ, ‘Woayɛ ho nhwehwɛmu?’ Enti meyɛɛ nhwehwɛmu pii, na m’adwene sii me pi maa mekaa sɛ ɔsom wei ara na mepɛ; ɛnyɛ sɛ m’awofo kɔ bi nti na me nso merekɔ bi.”—Ellie.

  • “Manni nnapɔnna, nanso mante nka da sɛ mahwere biribi. Memeneda ne Kwasida biara, na me ne me nuanom Yehowa Adansefo bom gye yɛn ani. Ná yedidi, yɛsa, na na yedi agorɔ nso. Wɔn a na me ne wɔn kɔ sukuu no, na wɔtaa ka sɛ, migye m’ani kyɛn wɔn.”—Melissa.

  • “Ɛwom, nea enti a yenni Buronya no, na mete ase, nanso ɛtɔ da bi a na ɛyɛ me sɛ matɔ mu. Nea ɛboaa me maa miyii saa adwene no fii me tirim ne sɛ, na m’awofo taa frɛfrɛ me nnamfo ne yɛn abusuafo bi ba yɛn fie. Afei nso mekae sɛ na wɔkyɛ me adeɛ.”—Miguel.

a Nea ɛtaa ba ne sɛ, Yehowa Adansefo nkwadaa nko ara nkɔ asɛnka, gye sɛ wɔn awofo anaa panyin bi a n’ani da fam ka wɔn ho.

b Bible ma yehu sɛ nkwadaa bebree kaa wɔn gyidi ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo, na ɛmaa Nyankopɔn ani gyee wɔn ho.—2 Ahene 5:1-3; Mateo 21:15, 16; Luka 2:42, 46, 47.

c Hwɛ asɛm a yɛato din, “Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nni Nnapɔnna Anaa Afahyɛ Ahorow Bi?”

d Wɔasesa edin ahorow no bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena