Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwhf asɛm 9
  • Sɛnea Awofo Bɛtete Wɔn Mma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Awofo Bɛtete Wɔn Mma
  • Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea ɛsɛ sɛ wuhu
  • Nea wubetumi ayɛ
  • Wohia Mpanyimfo Akwankyerɛ
    Nyan!—2019
  • Awofo Monyɛ Nhwɛso Pa Mma Mo Mma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
ijwhf asɛm 9
Papa bi ne ne ba abarimaa rebɔ nkɔmmɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Sɛnea Awofo Bɛtete Wɔn Mma

  • Nea ɛsɛ sɛ wuhu

  • Nea wubetumi ayɛ

  • Nea awofo bi ka

Nea ɛsɛ sɛ wuhu

Ɛnnɛ, mmeae bi wɔ hɔ a, mmofra ne wɔn awofo ntam yɛ kama paa, enti sɛ mmofra no pɛ sɛ wohu biribi a, wobisa wɔn awofo. Mmeae bi nso wɔ hɔ a, sɛ mmofra pɛ sɛ wohu biribi a, wɔtaa bisa wɔn atipɛnfo.

Mmofra a wɔtaa kɔ wɔn atipɛnfo hɔ kɔpɛ afotu no, ɛyɛ a wontie wɔn awofo asɛm. Nea ɛwom ne sɛ, sɛ saa mmofra no nyin bɛyɛ mmabun a, ɛyɛ a wɔn awofo hu sɛ wɔagye wɔn nsam. Ɛba saa a, ɛnyɛ nwonwa! Sɛ daa mmofra ne wɔn atipɛnfo na ɛbɔ a, na akɔyɛ te sɛ nea wɔn atipɛnfo no na ɛretete wɔn, na ɛnyɛ wɔn awofo.

Adɛn nti na mmofra ani ka wɔn atipɛnfo ho sen wɔn awofo? Nea enti a ɛtaa ba saa no ni:

  • Sukuu. Sɛ mmofra ne wɔn atipɛnfo bɔ pii a, ɛyɛ a wɔbɛyɛ nnamfo paa. Enti nea wɔyɛ a ɛbɛma wɔn atipɛnfo agye wɔn atom no, wɔtaa pɛ ɛno sen sɛ wɔbɛyɛ nea wɔn awofo pɛ. Sɛ mmofra no nyin bɛyɛ mmabun a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa.

    Abarimaa bi reyɛ ne nnamfo a ɔne wɔn kɔ sukuu baabae

    Ɛsɛ sɛ mmofra yɛ nneɛma a ɛbɛma wɔn awofo agye wɔn atom sen sɛ wɔbɛyɛ nea wɔn mfɛfo sukuufo pɛ

  • Awofo nnya wɔn mma ho bere. Mmusua bebree mu no, sɛ nkwadaa pɔn sukuu a, wɔbɛkɔ fie no, na obiara nni hɔ. Nea ɛma ɛba saa ne sɛ, ebia na wɔn maame anaa wɔn papa kɔ adwuma.

  • Mmerantesɛm ne mmabaawasɛm. Sɛ mmofra nyin bɛyɛ mmabun a, ɛyɛ a mmerantesɛm ne mmabaawasɛm yɛ wɔn dɛ. Sɛ wodu saa mpɛnpɛnso no a, wɔwɔ sɛnea wɔyɛ wɔn ade. Enti wobɛhwɛ na wɔpɛ sɛ wɔn ntaade a wɔhyɛ, wɔn kasa, ne sɛnea wɔyɛ wɔn nneɛma yɛ sɛ wɔn atipɛnfo. Nea wɔyɛ a ɛbɛma wɔn atipɛnfo agye wɔn atom no, ɛyɛ a wɔpɛ ɛno mmom sen sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma wɔn awofo agye wɔn atom.

  • Aguadifo. Nnwumakuw ahorow hyɛ da yɛ nneɛma pii ma mmabun nko ara. Afei nso, nneɛma a mmabun nko ara na wɔde gyigye wɔn ani no, wɔyɛ no bebree. Ɛba saa a, wobɛhwɛ na mmabun nam ha, na wɔn awofo nso nam ha; obiara nte ne yɔnko ase. Ɔbenfo bi a wɔfrɛ no Robert Epstein kyerɛwee sɛ: “Sɛ mmabun gyae mmerantesɛm ne mmabaawasɛm no a, nnwumakuw a anya wɔn ho tam no bebree begu prɛko pɛ.”a

Nea wubetumi ayɛ

  • Wo ne wo mma mfa adamfo denneennen.

    Bible ka sɛ: “Ma asɛm a mereka akyerɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa dua wo ba komam na ka ho asɛm bere a wote wo fie, bere a wonam kwan so, bere a woda hɔ, ne bere a woasɔre.”—Deuteronomium 6:6, 7.

    Wo mma atipɛnfo betumi ayɛ wɔn nnamfo, nanso adwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ sɛ ɔwofo no de, ɛnsɛ sɛ woma wɔn atipɛnfo no gye fa. Asɛmdɛ ne sɛ: Abenfo kyerɛ sɛ, mmofra ne mmabun dodow no ara bu wɔn awofo, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛbɛma wɔn awofo ani agye. Sɛ wo ne wo mma fa adamfo denneennen a, ɛnde wobetie wo asen wɔn atipɛnfo.

    Papa bi anya bere ama ne ba. Ɔne no abom renantenantew, ɔne no reyɛ ade wɔ kɔmputa so, na ɔne no reyɛ ne kar ho adwuma

    “Ɛsɛ sɛ wo ne wo mma bom yɛ nneɛma a moyɛ no daa no bi. Wo ne wɔn mmom nnoa aduan, wo ne wɔn mmom nsiesie fie; wɔn sukuu dwumadi (homework) mpo, wo ne wɔn mmom nyɛ. Mommom nnye mo ani. Mubetumi adi agorɔ, mubetumi ahwɛ sini anaa TV. Mma w’adwene nyɛ wo sɛ, sɛ ɛwom ara na wunya bere kakra ne wo mma yɛ ade bom a, ɛno ara yɛ. Sɛ wontaa nnya wo ba ho bere a, worentumi nyɛ n’adamfo!”—Lorraine.

  • Mma wo mma mfa wɔn atipɛnfo nko ara nnamfo.

    Bible ka sɛ: “Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho.”—Mmebusɛm 22:15.

    Awofo bi wɔ hɔ a, sɛ wohu sɛ wɔn ba wɔ nnamfo bebree a, na wɔn ani agye. Ɛwom, sɛ wo ba ne n’atipɛnfo fa nnamfo a, ebia ɛbɛboa no ama ɔne nkurɔfo atumi abɔ, nanso hu sɛ, sɛ ɔne n’atipɛnfo nko ara bɔ a, ɛremmoa no mma onnyin yiye. Abofra atipɛnfo rentumi mma no afotu ne akyerɛ pa a ohia no. Awofo a wɔdɔ wɔn ba paa na wobetumi de mmoa a ɛte saa ama no.

    “Ebia na abofra bi atipɛnfo wɔ nneɛma bi ho nimdeɛ. Nanso wonni abrabɔ mu suahu ne nyansa a wobetumi de aboa wɔn mfɛfo mmofra ama wɔasisi gyinae a ɛyɛ papa. Sɛ abofra tie n’awofo afotu a, ɛma onyin yiye, na sɛ wanyin oo, osua oo, ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ; wuhu sɛ n’ani da fam.”—Nadia.

  • Kyerɛ wo ba no akyerɛ pa.

    Bible ka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.”—Mmebusɛm 13:20.

    Bere a wo mma renyin no, sɛ wo ne wɔn bɔ a, ebetumi aboa wɔn paa. Yɛ nhwɛso pa ma wɔn.

    “Awofo paa na ehia sɛ mmofra hwɛ wɔn suasua wɔn. Sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra ma wobehu sɛ awofo ho hia na ɛsɛ sɛ wobu wɔn a, wɔbɛpɛ sɛ wonyin bɛyɛ te sɛ wɔn awofo.”—Katherine.

Nea awofo bi ka

Wendell ne ne yere Susan

“Suahu kakra a mmofra anya wɔ abrabɔ mu no, ɛno na wɔtaa de sisi gyinae. Enti ɛntaa nkɔ yiye koraa. Nanso sɛ awofo boa wɔn mma a, ɛma mmofra no tumi hu nneɛma ani so yiye, na ɛma wosisi gyinae pa.”—Wendell ne ne yere Susan.

Courtney ne ne kunu Erik

“Yɛ nneɛma a wo mma ani gye ho. Sɛ ɛnyɛ nea wopɛ mpo a, yɛ ma wɔn. Wo ne wɔn mmɔ. Ma ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn sɛ wɔbɛka wɔn tirim asɛm akyerɛ wo, na twa sa pa ma wɔn. Ɛsɛ sɛ woma wo mma hu sɛ wɔn yiyeyɛ da wo koma so.”—Courtney ne ne kunu Erik.

Yɛbɔ No Mua A: Sɛnea Wubetumi Atete Wo Mma

  • Wo ne wo mma mfa adamfo denneennen. Wo mma atipɛnfo betumi ayɛ wɔn nnamfo, nanso adwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ sɛ ɔwofo no de, ɛnsɛ sɛ woma wɔn atipɛnfo no gye fa.

  • Mma wo mma mfa wɔn atipɛnfo nko ara nnamfo. Ɛwom, sɛ wo ba ne n’atipɛnfo fa nnamfo a, ebia ɛbɛboa no ama ɔne nkurɔfo atumi abɔ, nanso hu sɛ, sɛ ɔne n’atipɛnfo nko ara bɔ a, ɛremmoa no mma onnyin yiye. Abofra atipɛnfo rentumi mma no afotu ne akyerɛ pa a ohia no. N’awofo paa na wobetumi de mmoa a ɛte saa ama no.

  • Kyerɛ wo ba no akyerɛ pa. Bere a wo mma renyin no, sɛ wo ne wɔn bɔ a, ebetumi aboa wɔn paa.

a Efi nhoma a wɔato din, Teen 2.0—Saving Our Children and Families From the Torment of Adolescence no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena