Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwwd asɛm 9
  • Ɛpo Mu Ɔsa Were a Etumi Dannan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛpo Mu Ɔsa Were a Etumi Dannan
  • Wɔbɔe Anaa?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔwɔ Wedeɛ
    Nyan!—2014
  • Koterɛ Nkasɛɛ-Nkasɛɛ
    Nyan!—2015
Wɔbɔe Anaa?
ijwwd asɛm 9
Ɛpo mu ɔsa bi

WƆBƆE ANAA?

Ɛpo Mu Ɔsa Were a Etumi Dannan

Ɛpo mu asa yɛ mmoa bi a wɔwɔ po ase. Wohwɛ wɔn were a, wubehu sɛ ebi de yɛ apɔwapɔw, ebi de abukabukaw, na ebi nso de yɛ nsɔensɔe. Anibu anaa simma kakraa bi ntam no, saa mmoa yi tumi ma wɔn were yɛ twann te sɛ ɛwokyɛm, anaa bawee te sɛ dua. Anokwa, sɛnea wotumi dannan wɔn were no yɛ nwonwa paa. Sɛnea mmoa yi tumi dannan wɔn were nti, wotumi moa wɔn ho wurawura ntokuru nketenkete mu. Wonya kɔhyɛ hɔ pɛ, na wɔayɛ wɔn ho bawee sɛnea ɛbɛyɛ a aboa biara a ɔpɛ sɛ ɔkyere wɔn we no rentumi ntwe wɔn mfi baabi a wɔhyɛ no. Nea edi boa saa mmoa yi ara ne sɛnea wotumi dannan wɔn were no.

Susuw ho: Ɛpo mu ɔsa betumi ama ne were ayɛ denneennen, obetumi ama ayɛ twann, na obetumi nso ama ayɛ mmerɛmmerɛmmerɛw. Dɛn na ɛma otumi yɛ saa? Nhamahama bi wɔ ne were mu. Sɛ ɔkeka toatoa mu a, ɛwɔ sɛnea ne were no bɛyɛ, na sɛ ɔtetew ntam nso a, ɛwɔ sɛnea ɛbɛyɛ. Nanso, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, gye sɛ opuw ahoɔdennuru bi gu ne were mu. Ahoɔdennuru no gu ahorow; ebi ma ne were yɛ den, na ebi nso ma ɛyɛ mmerɛw.

Ahoɔdennuru a ɛboa ma ne were yɛ den no, sɛ opuw a, ɛma nhamahama a ɛwɔ ne were mu no keka toatoa mu, na ɛno ma ne were yeyere yɛ denneennen. Nea ɛboa ma ne were yɛ mmerɛw no nso, sɛ opuw a, ɛma nhamahama a akeka atoatoa mu no ntam tetew, na ɛma ne were mu gugow yɛ mmerɛw. Ɛpo mu ɔsa were tumi yɛ mmerɛmmerɛmmerɛw paa, na anhwɛ a wobɛka sɛ wanan ara ne sa.

Sɛnea ɛpo mu ɔsa tumi dannan ne were no, nyansahufo ahwɛ so reyɛ nneɛma bi a ɛno nso betumi ayɛ saa. Emu baako a wɔpɛ sɛ wɔyɛ yɛ nnade nketenkete bi a sɛ wɔreyɛ obi oprehyɛn wɔ n’amemene mu a wɔde bɛhyehyɛ mu. Wɔpɛ sɛ wɔyɛ nnade no ma ɛyɛ den, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de akɔhyɛ baabi pɔtee a wɔpɛ sɛ ekowura wɔ amemene no mu, na sɛ ɛkɔhyɛ hɔ wie a afei ayɛ mmerɛw. Sɛ afiri no tumi yɛ adwuma saa a, ɛnde ɛrenyɛ den sɛ wɔbɛyɛ obi oprehyɛn wɔ n’amemene mu.

Wudwen ho sɛn? Sɛnea ɛpo mu ɔsa tumi dannan ne were no, wohwɛ a, ɛyɛ ɛno ara na ɛbae? Anaa obi na ɔbɔe?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena