26 Oyii paanoo baako a mmɔkaw nnim a ɛte sɛ kawa,+ ne paanoo baako a mmɔkaw nnim a wɔde ngo afa ho a ɛte sɛ kawa,+ ne paanoo a mmɔkaw nnim tratraa baako fii kɛntɛn a ɛwɔ Yehowa anim no mu. Ɛnna ɔde guu aboa no srade no ne ne nan nifa a ɛwɔ akyi no so.