Leviticus 9:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Kɔ afɔremuka no ho kɔbɔ bɔne ho afɔre+ ne ɔhyew afɔre fa pata ma wo ho+ ne wo fifo. Afei fa ɔman no afɔrebɔde no+ bɔ afɔre pata ma wɔn+ sɛnea Yehowa de ahyɛde ama yɛn no.”
7 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Kɔ afɔremuka no ho kɔbɔ bɔne ho afɔre+ ne ɔhyew afɔre fa pata ma wo ho+ ne wo fifo. Afei fa ɔman no afɔrebɔde no+ bɔ afɔre pata ma wɔn+ sɛnea Yehowa de ahyɛde ama yɛn no.”