16 Sɛ wutie Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi, na wodɔ Yehowa wo Nyankopɔn,+ na wonantew n’akwan so di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde ne n’atemmusɛm nyinaa so a, ɛnde wubenya nkwa+ na w’ase atrɛw, na Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo wɔ asaase a worekɔfa no so.+