15 kosi sɛ Yehowa bɛma mo nuanom asomdwoe sɛnea wama mo asomdwoe no, na wɔafa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema wɔn no. Muwie a, na moasan mo akyi abɛfa asaase a wɔde ama mo sɛ montena so no, asaase a Yehowa akoa Mose de ama mo wɔ Yordan agya wɔ apuei fam no.’”+