19 Sɛ asaase a wɔde ama mo no na ɛho agu fĩ a, ɛnde muntwa mmra Yehowa asaase so,+ baabi a Yehowa som ntamadan si no,+ na mommɛtena yɛn nkyɛn. Monntew atua nntia Yehowa, na munnsi afɔremuka foforo nnka Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔremuka no ho, na amma yɛannan atuatewfo.+