-
Atemmufo 5:30Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
30 ‘Sesɛɛ wɔrekyɛ nneɛma a wonyae wɔ ɔko mu no,
Ɔsabarima biara, ababaa* baako anaa mmabaa* baanu,
Ntama a wɔahyɛ no aduru, ntama a wɔahyɛ no aduru na wɔde ama Sisera,
Ataade a wɔanwene biribi agu mu, ntama a wɔahyɛ no aduru, ntaade abien a wɔanwene biribi agu mu
Na wɔde agu wɔn a wɔfom nneɛma no kɔn mu.’
-