-
Atemmufo 7:13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
13 Bere a Gideon duu hɔ no, na ɔbarima bi reka dae a waso akyerɛ ne yɔnko. Ɔbarima no kae sɛ: “Ɔdae a mesoe no ni. Mihui sɛ baali* paanoo kurukuruwa bi remunumunum ba Midian asoɛe ha. Bere a ebeduu ntamadan bi ho no, ɛbɔɔ no denneennen ma etutu gui.+ Yiw, ɛmaa ntamadan no dan butuwii, na ntamadan no hwee fam birim!”
-