18 Enti da a ɛto so ason, ansa na owia rekɔtɔ no, kurom hɔ mmarima ka kyerɛɛ no sɛ:
“Ɛdɛn na ɛyɛ fremfrem sen ɛwo?
Na ɛdɛn na ɛwɔ ahoɔden sen gyata?”+
Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:
“Sɛ ɛnyɛ me nantwi ba na mode no funtumii a,+
Anka moantumi ankyerɛ m’akasabebu no ase.”