2 Enti Danfo no somaa wɔn abusua no mu mmarima akokodurufo baanum fii Sora ne Estaol+ sɛ wonkokyinkyin asaase no so nhwɛ sɛnea ɛte. Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ, munkokyinkyin asaase no so.” Bere a wokoduu Mika fi wɔ Efraim mmepɔw mu no,+ wɔdaa hɔ maa ade kyee.