5 Ɛno akyi no, kɔ nokware Nyankopɔn no bepɔw no so, baabi a Filistifo asraafodɔm wɔ no. Sɛ wudu kurow no mu a, wubehyia adiyifo bi a wɔresian afi sorɔnsorɔmmea hɔ sɛ wɔrehyɛ nkɔm, na wubehu sɛ nkurɔfo di wɔn anim rebɔ asanku, mpintin, ntɛntɛbɛn, ne asankuten.