20 Bere a Dawid san kɔe sɛ ɔrekɔsrɛ nhyira ama ne fi no, Saul babea Mikal+ pue behyiaa Dawid, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Anuonyam bɛn ara na Israel hene ahyɛ ne ho nnɛ yi sɛ wapa ne ho wɔ n’asomfo mfenaa anim sɛnea mmarima ahuhufo no bi pa ne ho nyinaa no!”+