28 Ɛnna nokware Nyankopɔn nipa no baa Israel hene nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Esiane sɛ Siriafo aka sɛ: “Yehowa yɛ mmepɔw Nyankopɔn na ɔnyɛ asaase a ɛda fam Nyankopɔn” nti, mede dɔm kɛse yi nyinaa bɛhyɛ wo nsa+ na mubehu ampa sɛ mene Yehowa.’”+