32 kosi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asaase a ɛte sɛ mo ankasa mo asaase so,+ asaase a hwiit ne bobesa foforo wɔ so, asaase a aduan ne bobefuw wɔ so, asaase a ngodua ne ɛwo wɔ so. Ɛno bɛma moatena nkwa mu, na moanwuwu. Munntie Hesekia efisɛ sɛ ɔka sɛ, ‘Yehowa begye yɛn’ a, na ɔredaadaa mo.