13 Ɛnna ɔhene san somaa 50 so panyin a ɔto so abiɛsa ne n’asraafo 50. Bere a 50 so panyin a ɔto so abiɛsa no kɔe no, okobuu nkotodwe wɔ Elia anim paa no kyɛw sɛ: “Nokware Nyankopɔn nipa, mesrɛ wo, ma me nkwa ne wo nkoa 50 yi nkwa nsom bo wɔ w’ani so.