13 Afei ɔka kyerɛɛ Gehasi sɛ: “Mesrɛ wo, ka kyerɛ no sɛ, ‘Woahaw wo ho ayɛ eyi nyinaa ama yɛn.+ Dɛn na yɛn nso yɛnyɛ mma wo?+ Biribi wɔ hɔ a wopɛ sɛ meka kyerɛ ɔhene+ anaa asraafo panyin no ma wo anaa?’” Nanso ɔbea no kae sɛ: “Me nkurɔfo mu na mete, enti minni haw.”