-
2 Ahene 6:32Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
32 Ná Elisa te ne fi, na mpanyimfo no tete ne nkyɛn, ɛnna ɔhene no dii kan somaa obi kɔɔ hɔ. Ɔbɔfo no nnya nnuu hɔ no, Elisa ka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ: “Moahu sɛ owudifo+ ba no asoma sɛ wommetwa me ti? Sɛ ɔbɔfo no bedu a, monhwɛ nto pon no mu, na munnyina akyi mpia, na wantumi amma mu. Enti ne wura di n’akyi reba yi, monte ne nan ase?”
-