25 Bere a owiee ɔhyew afɔre no, ɛhɔ ara na Yehu ka kyerɛɛ awɛmfo ne akunini no sɛ: “Mommra mmekunkum wɔn! Mommma obiara nnguan.”+ Ɛnna awɛmfo ne akunini no fii ase de sekan kunkum wɔn, na wɔtotow wɔn afunu guu abɔnten, na wokunkum wɔn ara koduu Baal fi no pia mu.