2 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: “Sɛ eye wɔ mo ani so na sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn pene so a, momma yɛnsoma nkɔka nkyerɛ yɛn nuanom a wɔaka wɔ Israel asaase so nyinaa, ne asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ wɔn nkurow mu+ ne ɛho nsaase a mmoa didi so no so sɛ wɔmmɛka yɛn ho,