-
1 Beresosɛm 21:15Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
15 Afei nso, nokware Nyankopɔn no somaa ɔbɔfo kɔɔ Yerusalem sɛ onkokunkum ɛhɔfo. Bere a Yehowa hui sɛ ɔrebefi ase no, mmusu a ɛreba no yɛɛ no mmɔbɔ,*+ enti ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo a wɔayi no sɛ onkunkum ɛhɔfo no sɛ: “Ayɛ yiye!+ Fa wo nsa to hɔ.” Saa bere no, na Yehowa bɔfo no gyina Yebusini+ Ornan awiporowbea+ no nkyɛn.
-