6 Ɛnna Netanel ba Semaia, Lewifo kyerɛwfo no, kyerɛw wɔn din too hɔ. Ɔrekyerɛw no, na ɔhene, ɔman no mu mpanyimfo, ɔsɔfo Sadok,+ Abiatar+ ba Ahimelek,+ asɔfo ne Lewifo agyanom mpanyimfo wɔ hɔ; sɛ woyi Eleasar asefo abusuafi baako a, na wɔayi Itamar asefo abusuafi nso baako.