13 Ɔhene Rehoboam maa ne tumi yɛɛ den wɔ Yerusalem, na ɔkɔɔ so dii ade. Bere a Rehoboam bedii hene no, na wadi mfe 41, na odii ade mfe 17 wɔ Yerusalem; ɛhɔ ne Israel mmusuakuw no nyinaa kurow a Yehowa pawee sɛ ne din ntena. Ɔhene no maame din de Naama, na na ɔyɛ Ammonni.+