8 Ne mpanyimfo no nso de ayamye afɔrebɔde bae sɛ wɔmfa mmɔ ayamye afɔre mma ɔman no ne asɔfo ne Lewifo no. Hilkia,+ Sakaria, ne Yehiel, mpanyimfo a wɔwɔ nokware Nyankopɔn no fi hɔ nso de Twam mmoa 2,600, ne anantwi 300 maa asɔfo no sɛ wɔmfa mmɔ afɔre.