13 Ɛno akyi no, meporoporow m’ataade mu na mekae sɛ: “Sɛ obi anni asɛm yi so a, ma nokware Nyankopɔn no mporow no mfi ne fi ne n’agyapade mu saa ara; wɔmporow no saa ara mma biribiara mmɔ no.” Ɛnna asafo no nyinaa gyee so sɛ: “Amen!” Na woyii Yehowa ayɛ. Na ɔman no dii wɔn bɔhyɛ so.