-
Ester 2:18Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
18 Na ɔhene tow pon kɛse bi maa n’abirɛmpɔn ne ne nkoa; ɛyɛ apontow a ɔde hyɛɛ Ester anuonyam. Afei ɔde too gua sɛ amantam a ɛhyɛ n’ase no mufo mfa wɔn ho nni, na ɔhene kyekyɛɛ nneɛma pii sɛnea n’ahoɔden betumi.
-