5 Ester kae sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye ama ɔhene, na sɛ manya ɔhene anim anuonyam, na eye wɔ ɔhene ani so, na n’ani gye me ho ampa a, ɛnde nkrataa a Agagni+ Hamedata ba Haman,+ onipabɔnefo no kyerɛwee sɛ wɔnsɛe Yudafo a ɛwɔ ɔhene amantam no nyinaa mu no, ma wɔnkyerɛw krataa nkotwa mu.