2 Hesekia de anigye gyee wɔn, na ɔde n’adekoradan mu nneɛma kyerɛɛ wɔn,+ kyerɛ sɛ, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne balsam ngo ne ngo pa ne baabi a ɔkora n’akode nyinaa, ne biribiara a ɛwɔ n’akorae. Biribiara nni Hesekia fi ne n’ahemman mu a wamfa ankyerɛ wɔn.