-
Yeremia 25:30Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
30 “Na wo de, hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na ka kyerɛ wɔn sɛ,
‘Yehowa befi soro abobom,
Na ɔbɛma wɔate ne nne afi ne tenabea kronkron hɔ.
Ɔbɛbobom denneennen agu n’atenae no so.
Ɔbɛteɛteɛm te sɛ wɔn a wotiatia amoa a wokyĩ nsã wom so no,
Na ɔbɛto nkonimdi dwom agu asaase sofo nyinaa so.’
-