40 Asɛm fi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn bere a awɛmfo so panyin Nebusaradan+ gyaa no wɔ Rama+ sɛ ɔmfa ne ho nni no. Bere a ɔkɔfaa Yeremia baa hɔ no, na wɔde abankaba agu no, na na ɔka Yerusalemfo ne Yudafo a na wɔatu wɔn ase de wɔn rekɔ Babilon no nyinaa ho.