5 Bere a Yeremia da so gyina hɔ a onnya nsan n’akyi no, Nebusaradan kae sɛ: “San kɔ Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ a Babilon hene de no asi Yuda nkurow so no nkyɛn, na tena ne nkyɛn wɔ nkurɔfo no mu, anaa baabiara a wopɛ sɛ wokɔ biara, kɔ.”
Na awɛmfo so panyin no maa no aduan ne akyɛde, na ɔma ɔkɔe.