16 Na Karea ba Yohanan ne asahene a wɔka ne ho no nyinaa faa nnipa a aka a wofi Mispa no kaa wɔn ho, wɔn a wogyee wɔn fii Netania ba Ismael nsam bere a okum Ahikam ba Gedalia+ no. Na wɔde mmarima, ne asraafo, ne mmea, ne mmofra, ne ahemfi mpanyimfo no fii Gibeon san bae.