11 Ɔbarima bi wɔ w’ahenni mu a ɔwɔ anyame kronkron no honhom. Wo papa bere so no, wohui sɛ ɔwɔ nimdeɛ ne nhumu ne nyansa a ɛte sɛ anyame nyansa.+ Wo papa, Ɔhene Nebukadnesar, de no sii akɔmfo, nkonyaayifo, Kaldeafo, ne nsoromma mu ahwɛfo no so panyin.+ Ɔhene, wo papa na ɔyɛɛ no saa.