16 Nanso mate wo nka sɛ wutumi kyerɛ nsɛm ase,+ na wutumi kyerɛkyerɛ nsɛm a emu yɛ den mu. Enti sɛ wutumi kenkan nkyerɛwee yi na wokyerɛ me ase a, wɔde ntama afasebiri befura wo, na wɔde sika kɔkɔɔ kɔnmuade begu wo kɔn mu, na wobɛyɛ nea ɔto so abiɛsa a obedi tumi wɔ ahenni yi mu.”+