6 Saa da no, mɛma Yuda abusua mpanyimfo ayɛ sɛ kuku a ogya wom wɔ nnua ntam, na wɔbɛyɛ sɛ gyatɛn wɔ hwiit a wɔatwa agu hɔ akuwakuw mu.+ Na ɛbɛhyew aman a atwa ne ho ahyia wɔ benkum ne nifa nyinaa,+ na nkurɔfo bɛsan atena wɔn tenabea bio wɔ Yerusalem.+