10 “Asaase no nyinaa bɛyɛ sɛ Araba,+ afi Geba+ akosi Rimon+ wɔ Yerusalem anaafo fam; ɔbɛsɔre, na nnipa bɛba abɛtena ne mu,+ afi Benyamin Pon no ano+ akosi Ɔpon a Edi Kan no ano tɔnn, na ɛbɛkɔ akosi Ntwea So Pon no ano, na ebefi Hananel Abantenten no ho+ akosi ɔhene amoa a wokyĩ nsa wom no ho.