-
Asomafo Nnwuma 12:20Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
20 Na Herode ani beree Tirofo ne Sidonfo so. Enti wɔyɛɛ baako, ɛnna wɔbaa ne nkyɛn. Na wɔde wɔn asɛm bɛtoo Blasto a ɔhwɛ ɔhene fi so no anim. Na wɔsrɛe sɛ ɔnka bi mma asomdwoe mmra, efisɛ ɔhene no asaase so na na wɔn man nya wɔn aduan.
-