6 Na ammirikatufo+ no de nkrataa a efi ɔhene ne ne mpanyimfo+ nsam no kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, sɛnea ɔhene hyɛe no, sɛ: “Israelfo, monsan+ mmra Yehowa, Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn+ nkyɛn, na ɔno nso nsan mmra wɔn a wɔafi Asiria ahene+ nsam aka+ ama mo no nkyɛn.