21 Ɛdɔn no ara mu no, anigye+ hyɛɛ no mã denam honhom kronkron so, na ɔkae sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase Wura, miyi wo ayɛ wɔ baguam, efisɛ wode eyinom asie anyansafo+ ne animdefo, na woayi no adi akyerɛ nkokoaa. Yiw, O Agya, efisɛ na eyi ne ɔkwan a ɛsɔ w’ani.