Ase Hɔ Asɛm
a Sɛ nnansa yi ara na wudii dɛm a, ntease wom sɛ ebia wogu so te ɛyaw. abufuw, ne awerɛhow nka. Nokwarem no, ɛyɛ ne kwan so—na eye—sɛ wubedi awerɛhow bere bi bere a woahwere biribi kɛse no. (Fa toto Atemmufo 11:37; Ɔsɛnkafo 7:1-3 ho.) Nya awerɛhyem sɛ awiei koraa no, bere, abusuafo ne nnamfo mmoa bɛma ɛyawdi kɛse no so atew.