Ase Hɔ Asɛm
a Wɔ 1844 mu no, Britaniani sɔfo bi a wɔfrɛ no E. B. Elliott twee adwene sii 1914 so sɛ ebetumi ayɛ bere a “mmere nson” a Daniel ti 4 ka ho asɛm no bɛba awiei. Wɔ 1849 mu no, Robert Seeley a ofi London kaa asɛnkoro no ara. Joseph Seiss a ofi United States twee adwene sii 1914 so sɛ bere titiriw wɔ Bible mmerebu mu wɔ nhoma bi a wɔteɛteɛɛ emu nsɛm bɛyɛ 1870 no mu. Wɔ 1875 mu no, Nelson H. Barbour kyerɛwee wɔ ne nsɛmma nhoma Herald of the Morning mu sɛ 1914 yɛ bere a Yesu kaa ho asɛm sɛ ‘amanaman no bere a wɔahyɛ’ no awiei.—Luka 21:24.