Ase Hɔ Asɛm
a Yehowa Adansefo bu wɔn asɛnka adwuma no sɛnea na ɔsomafo Paulo bu no no—sɛ́ ade a ɛsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ. Paulo kae sɛ: “Na sɛ meka asɛmpa no a, ɛnyɛ me ahohoahoa, na etwa me sɛ meka, na sɛ menka asɛmpa no a, anka minnue!” (1 Korintofo 9:16) Nanso, wɔn asɛnka adwuma no yɛ biribi a wɔatu wɔn ho ama reyɛ efisɛ wofi wɔn pɛ mu na apaw sɛ wɔbɛyɛ Kristo asuafo, na wonim asɛyɛde a ɛbata saa hokwan no ho pefee.