Ase Hɔ Asɛm
c Nhomanimfo gye faako a edin no fi ho akyinnye. Wɔ Hebri mu no, edin Mose no kyerɛ “Sɛ́ Woyi Biribi; Sɛ́ Woyi Obi Fi Nsu Mu.” Abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus kae sɛ Mose yɛ Misrifo nsɛmfua abien a wɔaka abom a ɛkyerɛ “nsu” ne “ogye.” Saa ara na ɛnnɛ nhomanimfo bi gye di sɛ edin Mose no fi Misraim, nanso wosusuw sɛ ɛbɛkyerɛ “Ɔbabanin.” Nanso akyinnyegye yi gyina sɛnea asɛmfua “Mose” ne Misrifo din ahorow bi nnyigyei hyia no so. Esiane sɛ obiara nnim sɛnea na wɔbɔ tete Hebri ne Misrifo nsɛmfua din ankasa nti, yɛrentumi mfa yɛn ho nto nsɛm yi so.